Yesaia 33:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 33 Wo a wosɛe ade a obiara nsɛee wo, due! Wo a wo ne nkurɔfo di nkontompo so a obiara ne wo nnii nkontompo so.+ Sɛ wosɛe ade wie pɛ a, wo nso wɔbɛsɛe wo.+ Sɛ wo ne nkurɔfo di nkontompo so wie pɛ a, wo nso wɔne wo bedi nkontompo so.+ Yeremia 51:48 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 48 “Na ɔsoro ne asase ne nea ɛwom nyinaa bɛto Babilon ho ahurusi dwom,+ efisɛ asɛefo no befi atifi fam aba no so,”+ Yehowa asɛm ni. Yeremia 51:53 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 53 “Sɛ Babilon foro kɔ soro,+ na ɔma n’abantenten kodu sorosoro+ mpo a, me nkyɛn na asɛefo no befi aba ne so,”+ Yehowa asɛm ni.
33 Wo a wosɛe ade a obiara nsɛee wo, due! Wo a wo ne nkurɔfo di nkontompo so a obiara ne wo nnii nkontompo so.+ Sɛ wosɛe ade wie pɛ a, wo nso wɔbɛsɛe wo.+ Sɛ wo ne nkurɔfo di nkontompo so wie pɛ a, wo nso wɔne wo bedi nkontompo so.+
48 “Na ɔsoro ne asase ne nea ɛwom nyinaa bɛto Babilon ho ahurusi dwom,+ efisɛ asɛefo no befi atifi fam aba no so,”+ Yehowa asɛm ni.
53 “Sɛ Babilon foro kɔ soro,+ na ɔma n’abantenten kodu sorosoro+ mpo a, me nkyɛn na asɛefo no befi aba ne so,”+ Yehowa asɛm ni.