10 Na wɔn a Yehowa agye wɔn no bɛsan aba;+ wɔde osebɔ bɛba Sion+ na anigye ne wɔn atena daa.+ Ahurusi ne anigye na wɔn nsa bɛka, na awerɛhow ne apinisi aguan.+
12 Na wɔbɛba abɛto ahurusi dwom Sion bepɔw so+ na wɔabɔ ose Yehowa papayɛ ho,+ awi ne nsã+ foforo ne ngo ne nguammaa ne anantwi+ ho. Wɔn akra bɛyɛ sɛ turo a enya nsu pii,+ na wɔrentotɔ piti bio.”+