15 Wo ara wunim.+ O Yehowa, kae me,+ na dan w’ani kyerɛ me, na tɔ m’ataafo so were ma me.+ Nyi me mfi hɔ w’abodwokyɛre mu.+ Hwɛ ahohora a wo din nti aba me so no.+
11 Nanso Yehowa gyina m’akyi+ sɛ ɔdɔmmarima a ne ho yɛ hu.+ Ɛno nti na m’ataafo behintiw na wɔrennyina no.+ Wɔn ani bewu paa, efisɛ ɛrensi wɔn yiye. Wɔn aniwu no rentwam da, na werɛ remfi da.+