10 Na da a ɛto so ason no de, ɛyɛ homeda ma Yehowa wo Nyankopɔn.+ Nyɛ adwuma biara; wo oo, wo babarima anaa wo babea oo, w’akoa anaa w’afenaa oo, w’ayɛmmoa oo, ɔhɔho a ɔwɔ wo kurom oo, obiara nnyɛ adwuma.+
3 “‘Momfa nnansia nyɛ adwuma, na da a ɛto so ason no yɛ homeda a ɛsɛ sɛ mohome koraa;+ ɛyɛ nhyiam kronkron. Monnyɛ adwuma biara. Baabiara a mobɛtena no, monkae sɛ ɛyɛ homeda ma Yehowa.+