19 Wo bɔne bɛteɛ wo so+ na wo nkontompo aka w’anim.+ Hwɛ na hu sɛ ɛyɛ bɔne ne ade a ɛyɛ nwene+ sɛ woagyaw Yehowa wo Nyankopɔn no, a me ho hu biara nni wo mu,’+ Awurade Tumfoɔ+ asafo Yehowa asɛm ni.
19 O Yehowa, m’ahoɔden ne m’abankɛse, ahohia bere mu guankɔbea,+ wo nkyɛn na amanaman no fi asase+ ano bɛba abɛka sɛ: “Atoro+ nko na yɛn agyanom bɛtoe, ahuhude ne nneɛma a mfaso nni so.”+
13 O Yehowa, Israel anidaso,+ wɔn a wogyaw wo nyinaa ani bewu.+ Wɔn a wɔwae fi wo ho*+ no, asase so na wɔbɛkyerɛw wɔn din, efisɛ wɔagyaw Yehowa a ɔyɛ nkwa nsuti no.+