Leviticus 26:33 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 33 Na mɛbɔ mo apete amanaman mu+ na matwe nkrante adi mo akyi.+ Mo asase bɛsɛe+ na mo nkurow adan amamfõ. Yeremia 19:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Obiara a obehu kurow yi no, ne ho bedwiriw no, na ɔbɛbɔ hwirema.+ Obiara a obetwam ha no, mmusu no nti, ɔde ahodwiriw bɛhwɛ na wabɔ hwirema.+ Yeremia 49:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 “Maka me ho ntam,”+ Yehowa asɛm ni, “sɛ ahodwiriwde+ ne ahohorade ne amamfõ ne nnome na Bosra+ bɛyɛ, na ne nkurow nyinaa nso bɛdan amamfõ akosi daa.”+ Hesekiel 6:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Na mɛteɛ me nsa wɔ wɔn so+ na mama asase no adan amamfõ, na ɛbɛsɛe asen sare a ɛda Dibla ho, wɔn tenabea nyinaa. Na wobehu sɛ mene Yehowa.’”
33 Na mɛbɔ mo apete amanaman mu+ na matwe nkrante adi mo akyi.+ Mo asase bɛsɛe+ na mo nkurow adan amamfõ.
8 Obiara a obehu kurow yi no, ne ho bedwiriw no, na ɔbɛbɔ hwirema.+ Obiara a obetwam ha no, mmusu no nti, ɔde ahodwiriw bɛhwɛ na wabɔ hwirema.+
13 “Maka me ho ntam,”+ Yehowa asɛm ni, “sɛ ahodwiriwde+ ne ahohorade ne amamfõ ne nnome na Bosra+ bɛyɛ, na ne nkurow nyinaa nso bɛdan amamfõ akosi daa.”+
14 Na mɛteɛ me nsa wɔ wɔn so+ na mama asase no adan amamfõ, na ɛbɛsɛe asen sare a ɛda Dibla ho, wɔn tenabea nyinaa. Na wobehu sɛ mene Yehowa.’”