2 Samuel 8:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Dawid kɔɔ so dii Israel nyinaa so hene;+ Dawid buu atɛn na odii asɛntrenee+ maa ne man+ nyinaa daa. Yesaia 1:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Munsua papayɛ,+ monhwehwɛ atɛntrenee,+ monteɛ osisifo so,+ munni agyanka asɛm mma no,+ na monka bi mma okunafo.”+ Yeremia 7:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Efisɛ sɛ moyɛ mo akwan ne mo nneyɛe yiye ampa, na mubu onipa ne ne yɔnko ntam atɛntrenee,+ Yeremia 22:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Nea Yehowa aka ni: “Mummu atɛntrenee na monyɛ adetrenee, na munnye nea wɔresisi no mfi osisifo nsam; monnteetee ɔhɔho, agyanka anaa okunafo biara.+ Munnni wɔn so atirimɔdensɛm.+ Monnka mogya a edi bem biara nngu wɔ ha.+ Sakaria 7:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 “Nea asafo Yehowa aka ni, ‘Momfa nokware mmu atɛn,+ na obiara ne ne yɔnko nni wɔ adɔe+ ne mmɔborɔhunu+ so.
15 Dawid kɔɔ so dii Israel nyinaa so hene;+ Dawid buu atɛn na odii asɛntrenee+ maa ne man+ nyinaa daa.
17 Munsua papayɛ,+ monhwehwɛ atɛntrenee,+ monteɛ osisifo so,+ munni agyanka asɛm mma no,+ na monka bi mma okunafo.”+
3 Nea Yehowa aka ni: “Mummu atɛntrenee na monyɛ adetrenee, na munnye nea wɔresisi no mfi osisifo nsam; monnteetee ɔhɔho, agyanka anaa okunafo biara.+ Munnni wɔn so atirimɔdensɛm.+ Monnka mogya a edi bem biara nngu wɔ ha.+
9 “Nea asafo Yehowa aka ni, ‘Momfa nokware mmu atɛn,+ na obiara ne ne yɔnko nni wɔ adɔe+ ne mmɔborɔhunu+ so.