10 Ɛnna ɔsɔfo panyin Asaria+ a ofi Sadok+ fie no ka kyerɛɛ no sɛ: “Efi bere a wofii ase de nneɛma+ no baa Yehowa fie no, nnipa no didi mee+ ma bebree ka,+ efisɛ Yehowa na wahyira ne man,+ na nea aka na esum hɔ pii yi.”
25 Wodii nkurow a ɛyɛ den+ ne asase a adɔ srade so,+ na wonyaa afie a nneɛma pa nyinaa ahyɛ mu mã,+ mmura a wɔatu,+ bobe nturo ne ngodua+ mfuw ne nnua a ɛsow aba pii, na wodidi mee+ na wɔyeyɛɛ akɛse+ na wonyaa ahotɔ, wo papayɛ+ kɛse mu.