Yesaia 28:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Eyinom nso, nsã ama wɔafom kwan, mmosã ama wɔde wɔn ti pempem. Ɔsɔfo ne odiyifo+ nso, mmosã ama wɔafom kwan, nsã ama wɔn adwene atu afra, mmosã ama wɔde wɔn ti pempem.+ Wɔafom kwan wɔ adehu mu, na wohinhim wɔ gyinaesi mu. Yeremia 5:31 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 31 Adiyifo no hyɛ nkɔntoro;+ asɔfo no nso, wɔde wɔn ahoɔden di nkurɔfo so.+ Me man nso pɛ no saa.+ Na awiei no, mobɛyɛ dɛn?”+ Yeremia 6:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 “Efi wɔn mu akumaa so kosi ɔkɛse so, obiara pɛ mfaso bɔne;+ efi odiyifo so kosi ɔsɔfo so, wɔn nyinaa nni nokware.+ Yeremia 8:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Ɛno nti, mede wɔn yerenom bɛma mmarima foforo, na wɔn nsase ayɛ nnipa foforo dea,+ efisɛ efi akumaa so kosi ɔkɛse so, obiara pɛ mfaso bɔne;+ efi odiyifo so kosi ɔsɔfo so, wɔn nyinaa nni nokware.+ Hesekiel 22:25 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 25 N’adiyifo pam apammɔne wɔ hɔ,+ te sɛ gyata a ɔbobom tetew hanam mu.+ Wɔmemene akra.+ Wɔfa ademude ne aboɔdenne,+ na wɔma akunafo dɔɔso wɔ hɔ.+ Sefania 3:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 N’adiyifo yɛ dwae, na nkontompo ayɛ wɔn mã.+ N’asɔfo agu akronkronne ho fi, na wɔabu mmara no kɔn mu.+
7 Eyinom nso, nsã ama wɔafom kwan, mmosã ama wɔde wɔn ti pempem. Ɔsɔfo ne odiyifo+ nso, mmosã ama wɔafom kwan, nsã ama wɔn adwene atu afra, mmosã ama wɔde wɔn ti pempem.+ Wɔafom kwan wɔ adehu mu, na wohinhim wɔ gyinaesi mu.
31 Adiyifo no hyɛ nkɔntoro;+ asɔfo no nso, wɔde wɔn ahoɔden di nkurɔfo so.+ Me man nso pɛ no saa.+ Na awiei no, mobɛyɛ dɛn?”+
13 “Efi wɔn mu akumaa so kosi ɔkɛse so, obiara pɛ mfaso bɔne;+ efi odiyifo so kosi ɔsɔfo so, wɔn nyinaa nni nokware.+
10 Ɛno nti, mede wɔn yerenom bɛma mmarima foforo, na wɔn nsase ayɛ nnipa foforo dea,+ efisɛ efi akumaa so kosi ɔkɛse so, obiara pɛ mfaso bɔne;+ efi odiyifo so kosi ɔsɔfo so, wɔn nyinaa nni nokware.+
25 N’adiyifo pam apammɔne wɔ hɔ,+ te sɛ gyata a ɔbobom tetew hanam mu.+ Wɔmemene akra.+ Wɔfa ademude ne aboɔdenne,+ na wɔma akunafo dɔɔso wɔ hɔ.+
4 N’adiyifo yɛ dwae, na nkontompo ayɛ wɔn mã.+ N’asɔfo agu akronkronne ho fi, na wɔabu mmara no kɔn mu.+