15 Ɛno nti, adiyifo a mensomaa wɔn a wɔde me din hyɛ nkɔm ka sɛ nkrante anaa ɔkɔm biara remma asase yi so no, nea Yehowa aka afa wɔn ho ni, ‘Nkrante ne ɔkɔm na ɛde saa adiyifo no awiei bɛba.+
2 Na sɛ wobisa wo sɛ, ‘Ɛhe na yemfi adi nkɔ?’ a, wo nso ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni: “Nea ɔsɛ owuyare no nkɔ owuyare mu! Nea ɔsɛ nkrante no nkɔ nkrante ano! Nea ɔsɛ ɔkɔm no nkɔ ɔkɔm mu!+ Na nea ɔsɛ nkoasom no nkɔ nkoasom mu!”’+