29 “Momfrɛfrɛ agyantofo ne wɔn a wokuntun tadua mu nyinaa nkɔ Babilon so.+ Mommɔ ne ho nsra nhyia. Mommma obiara nnguan.+ Muntua no ka sɛnea ne nneyɛe te.+ Sɛnea wayɛ nkurɔfo no, saa na momfa nyɛ no,+ efisɛ wadi Yehowa, Israel Kronkronni no so ahantansɛm.+
6 Nea ɔde tuaa mo ka no, momfa saa ara ntua no ka,+ na mommɔ ho abien mma no, yiw, nneɛma a ɔyɛe no mmɔho abien;+ kuruwa+ a ɔde mfrafrae guu mu no, momfa mfrafrae no mmɔho abien+ ngu mu mma no.+