7 ɛnde me nso metwa Israel afi asase a mede ama wɔn no so,+ na ofie a mayɛ no kronkron ama me din yi, mɛtow afi m’anim akyene,+ na wɔde Israel aka asɛm aserew+ adi ho fɛw aman nyinaa mu.
18 O me Nyankopɔn, yɛ aso tie.+ Bue w’aniwa na hwɛ yɛn amamfoyɛ ne kurow a wo din da so no.+ Ɛnyɛ yɛn trenee nnwuma nti na yɛde yɛn nkotɔsrɛ aba w’anim yi,+ na mmom wo mmɔborɔhunu+ bebrebe no ntia.