Genesis 1:29 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 Na Onyankopɔn kae sɛ: “Mede afifide a ɛsow aba wɔ asase so nyinaa ne nnua a ɛsow aba nyinaa ama mo.+ Ɛnyɛ aduan mma mo.+ Dwom 115:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Ɔsoro yɛ Yehowa soro,+Na asase de, ɔde ama nnipa mma.+ Daniel 4:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Awɛmfo+ ahyɛde so na asɛm yi ba, na akronkronfo asɛm so na atemmu yi gyina na ama ateasefo ahu sɛ Ɔsorosoroni no na odi adesamma ahenni so tumi,+ na obiara a ɔpɛ no, ɔde ma no,+ na nnipa mu akumaa koraa na ɔde no si so.”+
29 Na Onyankopɔn kae sɛ: “Mede afifide a ɛsow aba wɔ asase so nyinaa ne nnua a ɛsow aba nyinaa ama mo.+ Ɛnyɛ aduan mma mo.+
17 Awɛmfo+ ahyɛde so na asɛm yi ba, na akronkronfo asɛm so na atemmu yi gyina na ama ateasefo ahu sɛ Ɔsorosoroni no na odi adesamma ahenni so tumi,+ na obiara a ɔpɛ no, ɔde ma no,+ na nnipa mu akumaa koraa na ɔde no si so.”+