2 “Nea Yehowa aka ni, ‘Onipa a ɔbɛtena kurow yi mu no, ɔno na nkrante+ ne ɔkɔm+ ne owuyare+ bekum no. Na nea obefi adi akɔ Kaldeafo no nkyɛn de, obenya nkwa; obenya ne kra sɛ asade na watena nkwa mu.’+
9 Ɛnna Safan+ ba Ahikam+ ba Gedalia+ kaa ntam+ kyerɛɛ wɔne wɔn mmarima no, na ɔkae sɛ: “Munnsuro sɛ mobɛsom Kaldeafo no. Montena asase no so na monsom Babilon hene, na ebesi mo yiye.+
10 ‘Sɛ mokɔ so tena asase yi so a,+ me nso mɛma mo so asi hɔ, na merennwiriw mo ngu; medua mo, na merentutu mo ase;+ ɛbɛyɛ me yaw sɛ mede mmusu aba mo so.+