21 Eyi maa Yehowa asɛm a ɔde hyɛɛ Yeremia anom no baa mu+ kosii sɛ asase no tuaa ne home nna ho ka wiei.+ Nna dodow a ɛyɛɛ amamfõ no, ɛhomee ara kosii sɛ mfe aduɔson dui.+
10 “Nea Yehowa aka ni, ‘Sɛ mfe aduɔson no ba awiei wɔ Babilon a, mɛdan m’ani abɛhwɛ mo,+ na asɛmpa a mekae wɔ mo ho no, mɛma aba mu na masan ama moaba ha.’+