Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Deuteronomium 13:1
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 13 “Sɛ obi sɔre wo kurom sɛ odiyifo+ anaa ɔdaesofo+ na ɔma wo sɛnkyerɛnne anaa anwonwade bi,+

  • Yeremia 14:14
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 14 Ɛnna Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: “Nkɔntoro na adiyifo no rehyɛ wɔ me din mu.+ Mensomaa wɔn, menhyɛɛ wɔn, na me ne wɔn nkasae.+ Atoro anisoadehu ne abosonkɔm ne adehunu+ ne wɔn komam nnaadaasɛm na wɔde hyɛ mo nkɔm.+

  • Yeremia 23:21
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 21 “Mansoma adiyifo no, wɔn ankasa na wotutuu mmirika. Manka hwee ankyerɛ wɔn, wɔn ankasa na wɔhyehyɛɛ nkɔm.+

  • Yeremia 27:15
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 15 “‘Mensomaa wɔn,’ Yehowa asɛm ni, ‘nkɔntoro na wɔhyɛ wɔ me din mu na ama mabɔ mo ahwete,+ na moayera,+ mo ne adiyifo a wɔhyɛ mo nkɔm no nyinaa.’”+

  • Yeremia 29:31
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 31 “Soma kɔka kyerɛ atukɔfo no nyinaa+ sɛ, ‘Nea Yehowa aka wɔ Semaia a ofi Nehelam ho ni: “Esiane sɛ Semaia ahyɛ mo nkɔm bere a mensomaa no, na ɔpɛ sɛ mode mo ho to nkontompo so nti,+

  • Hesekiel 13:3
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 3 Nea Awurade Tumfoɔ Yehowa aka ni: “Adiyifo nkwaseafo+ a wodi wɔn ankasa honhom akyi+ bere a wonhuu hwee no nnue!+

  • Sakaria 13:3
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 3 Na sɛ ɔbarima bi hyɛ nkɔm bio a, ne papa ne ne maame a wɔwoo no nka nkyerɛ no sɛ, ‘Wubewu efisɛ wode Yehowa din aka atosɛm.’ Nkɔm a wahyɛ nti, ne papa ne ne maame a wɔwoo no mfa ade nhwirew ne mu.+

  • Luka 6:26
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 26 “Munnue, sɛ nnipa nyinaa ka mo ho asɛmpa a, efisɛ saa ara na wɔn agyanom yɛɛ atoro adiyifo no.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena