33Wo a wosɛe ade a obiara nsɛee wo, due! Wo a wo ne nkurɔfo di nkontompo so a obiara ne wo nnii nkontompo so.+ Sɛ wosɛe ade wie pɛ a, wo nso wɔbɛsɛe wo.+ Sɛ wo ne nkurɔfo di nkontompo so wie pɛ a, wo nso wɔne wo bedi nkontompo so.+
25 Hwie w’abufuw gu aman+ a wɔapo wo no so,+ ne mmusua a wɔmmɔ wo din no so.+ Wɔamene Yakob.+ Wɔamene no, na wɔretɔre n’ase.+ Wɔama ne tenabea adan amamfõ.+
12 “‘Na sɛ mfirihyia aduɔson no ba awiei+ a,’ Yehowa asɛm ni, ‘mɛma Babilon hene ne ɔman no,+ Kaldeafo asase no,+ abu akontaa, wɔn amumɔyɛ ho, na mɛdan no amamfõ akosi daa.+
29 “Momfrɛfrɛ agyantofo ne wɔn a wokuntun tadua mu nyinaa nkɔ Babilon so.+ Mommɔ ne ho nsra nhyia. Mommma obiara nnguan.+ Muntua no ka sɛnea ne nneyɛe te.+ Sɛnea wayɛ nkurɔfo no, saa na momfa nyɛ no,+ efisɛ wadi Yehowa, Israel Kronkronni no so ahantansɛm.+