Dwom 85:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 85 O Yehowa, woadom w’asase no;+Woasan de Yakob mma nnommum no aba.+ Yeremia 24:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Na mede m’ani besi wɔn so ɔkwan pa so,+ na mɛma wɔasan aba asase yi so.+ Mede wɔn besisi hɔ, na merennwiriw wɔn; medua wɔn, na merentutu wɔn ase.+ Yeremia 29:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 “Nea Yehowa aka ni, ‘Sɛ mfe aduɔson no ba awiei wɔ Babilon a, mɛdan m’ani abɛhwɛ mo,+ na asɛmpa a mekae wɔ mo ho no, mɛma aba mu na masan ama moaba ha.’+
6 Na mede m’ani besi wɔn so ɔkwan pa so,+ na mɛma wɔasan aba asase yi so.+ Mede wɔn besisi hɔ, na merennwiriw wɔn; medua wɔn, na merentutu wɔn ase.+
10 “Nea Yehowa aka ni, ‘Sɛ mfe aduɔson no ba awiei wɔ Babilon a, mɛdan m’ani abɛhwɛ mo,+ na asɛmpa a mekae wɔ mo ho no, mɛma aba mu na masan ama moaba ha.’+