12 Na asɔfo+ ne Lewifo ne wɔn agyanom abusuafie+ mu atitiriw no mu pii a wɔanyinyin a wohuu kan fie+ no momaa wɔn nne so sui+ bere a wɔtoo ofie yi fapem+ wɔn anim no, na nnipa pii nso momaa wɔn nne so bɔɔ ose.+
17 Enti wɔn a wofi nkoasom mu bae no bagua no nyinaa bobɔɔ asese, na wɔtenatenaa asese no mu; efi Nun ba Yosua+ nna no mu besi saa da no, na Israel mma nyɛɛ saa da, enti wodii ahurusi kɛse.+
10 Na wɔn a Yehowa agye wɔn no bɛsan aba;+ wɔde osebɔ bɛba Sion+ na anigye ne wɔn atena daa.+ Ahurusi ne anigye na wɔn nsa bɛka, na awerɛhow ne apinisi aguan.+
11 Afei wɔn a Yehowa agye wɔn no de osebɔ bɛsan aba Sion,+ na ahurusidi bɛtena wɔn atifi daa.+ Anigye ne ahurusi ne wɔn bɛtena,+ na awerɛhow ne apinisi beguan.+