Yeremia 31:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 31 “Saa bere no,” Yehowa asɛm ni, “mɛyɛ Israel mmusua nyinaa Nyankopɔn na wɔn nso ayɛ me man.”+ Hesekiel 36:28 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 28 Na mobɛtena asase a mede maa mo agyanom no so,+ na mobɛyɛ me man na me nso mayɛ mo Nyankopɔn.’+ Hebrifo 8:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 “‘Eyi ne apam a me ne Israel fie bɛyɛ wɔ nna no akyi,’ Yehowa asɛm ni. ‘Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu, na mɛkyerɛw wɔ wɔn koma mu.+ Na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn+ na wɔn nso ayɛ me man.+
10 “‘Eyi ne apam a me ne Israel fie bɛyɛ wɔ nna no akyi,’ Yehowa asɛm ni. ‘Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu, na mɛkyerɛw wɔ wɔn koma mu.+ Na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn+ na wɔn nso ayɛ me man.+