Deuteronomium 30:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Afei Yehowa wo Nyankopɔn behyira wo nsa ano adwuma ma abu so,+ na wo yafunum aba bɛdɔɔso, na w’afieboa ase atrɛw+ na w’afuw mu nnɔbae abu so,+ na sɛnea Yehowa ani gyee w’agyanom ho no, saa ara na n’ani begye wo ho+ na wahyira wo.+ Dwom 31:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Wo papayɛ a wode asie ama wɔn a wosuro wo+ no dɔɔso dɛn ara!+Wɔn a woguan bɛtoa wo no na wode ma wɔnWɔ nnipa mma anim.+ Yesaia 63:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Mɛka Yehowa adɔe+ ne Yehowa ayeyi akyerɛ, nea Yehowa ayɛ ama yɛn+ ne nnepa a ɔnam ne mmɔborɔhunu+ ne n’adɔe mmoroso so ayɛ ama Israel fie nyinaa.+
9 Afei Yehowa wo Nyankopɔn behyira wo nsa ano adwuma ma abu so,+ na wo yafunum aba bɛdɔɔso, na w’afieboa ase atrɛw+ na w’afuw mu nnɔbae abu so,+ na sɛnea Yehowa ani gyee w’agyanom ho no, saa ara na n’ani begye wo ho+ na wahyira wo.+
19 Wo papayɛ a wode asie ama wɔn a wosuro wo+ no dɔɔso dɛn ara!+Wɔn a woguan bɛtoa wo no na wode ma wɔnWɔ nnipa mma anim.+
7 Mɛka Yehowa adɔe+ ne Yehowa ayeyi akyerɛ, nea Yehowa ayɛ ama yɛn+ ne nnepa a ɔnam ne mmɔborɔhunu+ ne n’adɔe mmoroso so ayɛ ama Israel fie nyinaa.+