23 Na ɔman biako bɛn na ɛwɔ asase so a ɛte sɛ wo man Israel+ a Onyankopɔn gyee wɔn fae sɛ ɔman?+ Ɔman bɛn na wonam wɔn so ayɛ anwonwadwuma+ akɛse de anya din?+ Ɛnyɛ wo man a wugyee+ wɔn fii Egypt, a wɔn nti wopam amanaman no ne wɔn anyame no?
15 “Enti afei, Yehowa yɛn Nyankopɔn, wo a wode nsa a ɛyɛ den+ yii wo man fii Egypt asase so de gyee din sɛnea ɛte nnɛ da yi no,+ yɛayɛ bɔne,+ yɛadi amumɔyɛsɛm.
17 Efisɛ Kyerɛwnsɛm no ka kyerɛ Farao sɛ: “Eyi ara nti na mama kwan ama woda so te ase, sɛ meyi me tumi adi wɔ wo so, na wɔabɔ me din asase nyinaa so.”+