4 Ɛnna wotuu kurow no mu hyɛn mu,+ na mmarima a wɔkɔ ɔsa no nyinaa guan anadwo kɔfaa afasu abien a ɛwɔ ɔhene turo+ ho no ntam pon no mu kɔe; saa bere no, na Kaldeafo+ no atwa kurow no ho nyinaa ahyia. Ɔhene no nso de n’ani kyerɛɛ+ Araba.+
5 Mede kurow yi mu nneɛma a wɔaboaboa ano nyinaa ne ne nnɔbae nyinaa ne n’aboɔdenne nyinaa bɛma, na Yuda ahene ademude nyinaa nso, mede bɛhyɛ wɔn atamfo nsa.+ Wɔbɛfow na wɔafa de akɔ Babilon.+
4 ‘Nea Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni: “Hwɛ, meredan mo nsam akode aba mo so, akode a mo ne Babilon+ hene ne Kaldeafo+ a wɔatwa mo ho ahyia wɔ ɔfasu no akyi, de reko no, na mɛboa ano aba kurow yi mfinimfini.+