Yesaia 63:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Wone yɛn Agya.+ Ebia Abraham nnim yɛn na Israel renkae yɛn, nanso wo Yehowa, wone yɛn Agya. Yɛn Gyefo ne wo din fi tete.+ Yesaia 64:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 O Yehowa, wone yɛn Agya.+ Yɛyɛ dɔte,+ na wone yɛn Nwemfo;+ na yɛn nyinaa yɛ wo nsa ano adwuma.+ Mateo 6:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Enti monnyɛ sɛ wɔn, efisɛ mo Agya Onyankopɔn nim nneɛma a ehia+ mo koraa ansa na moabisa no. 1 Petro 1:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Bio nso, sɛ mofrɛ Agya a ɔnhwɛ nnipa anim+ na obu atɛn sɛnea obiara adwuma te no a, momfa osuro+ mmɔ mo bra bere a mode te ase sɛ ahɔho no.+
16 Wone yɛn Agya.+ Ebia Abraham nnim yɛn na Israel renkae yɛn, nanso wo Yehowa, wone yɛn Agya. Yɛn Gyefo ne wo din fi tete.+
17 Bio nso, sɛ mofrɛ Agya a ɔnhwɛ nnipa anim+ na obu atɛn sɛnea obiara adwuma te no a, momfa osuro+ mmɔ mo bra bere a mode te ase sɛ ahɔho no.+