4 ɛno na Yehowa bɛma asɛm a ɔka faa me ho yi aba mu+ sɛ, ‘Sɛ wo mma+ bɛhwɛ wɔn akwan yiye na wɔde wɔn koma nyinaa+ ne wɔn kra nyinaa anantew+ m’anim nokware+ mu a, obusuani a ɔbɛtena Israel ahengua so remmɔ wo.’+
7 N’ahenni+ mu bɛtrɛw na asomdwoe a enni awiei+ bɛba Dawid ahengua+ so ne n’ahenni so, na ɔde atɛntrenee+ ne trenee+ bɛwowaw+ n’ahenni ma atim fi sesɛɛ akosi daa. Asafo Yehowa nnamyɛ na ɛbɛyɛ eyi.+