Genesis 13:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Na mɛma w’asefo ayɛ sɛ asase so anhwea ma enti sɛ obi betumi akan asase so anhwea a, ɛnde obetumi akan w’asefo nso.+ Genesis 15:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Na ɔde no fii adi na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo ma w’ani so hwɛ soro, na sɛ wubetumi akan nsoromma+ yi a, kan.” Na ɔkae sɛ: “Saa ara na w’asefo bɛyɛ.”+ Genesis 22:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 ɔkwan biara so mehyira wo na mama w’aseni* ayɛ bebree sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano anhwea;+ na w’asefo bɛfa wɔn atamfo nkurow apon.+ Yeremia 31:37 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 37 Nea Yehowa aka ni: “‘Sɛ obi betumi asusuw ɔsoro, na wahwehwɛ asase fapem mu a,+ ɛnde me nso mɛpo Israel asefo nyinaa, nea wɔayɛ nyinaa nti,’+ Yehowa asɛm ni.” Hebrifo 11:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Enti obiakofo+ a na ɔte sɛ nea wawu+ no mpo woo mma a wɔdɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano anhwea a enni ano.+
16 Na mɛma w’asefo ayɛ sɛ asase so anhwea ma enti sɛ obi betumi akan asase so anhwea a, ɛnde obetumi akan w’asefo nso.+
5 Na ɔde no fii adi na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo ma w’ani so hwɛ soro, na sɛ wubetumi akan nsoromma+ yi a, kan.” Na ɔkae sɛ: “Saa ara na w’asefo bɛyɛ.”+
17 ɔkwan biara so mehyira wo na mama w’aseni* ayɛ bebree sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano anhwea;+ na w’asefo bɛfa wɔn atamfo nkurow apon.+
37 Nea Yehowa aka ni: “‘Sɛ obi betumi asusuw ɔsoro, na wahwehwɛ asase fapem mu a,+ ɛnde me nso mɛpo Israel asefo nyinaa, nea wɔayɛ nyinaa nti,’+ Yehowa asɛm ni.”
12 Enti obiakofo+ a na ɔte sɛ nea wawu+ no mpo woo mma a wɔdɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano anhwea a enni ano.+