Dwom 3:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Nkwagye yɛ Yehowa dea.+Wo nhyira wɔ wo man so.+ Sela. Dwom 37:39 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 39 Treneefo nkwagye fi Yehowa;+Ɔne wɔn ahohia bere mu guankɔbea.+ Yesaia 12:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Hwɛ, Onyankopɔn ne me nkwagye.+ Mewɔ ahotoso na merensuro,+ efisɛ Yah Yehowa ne m’ahoɔden+ ne me tumi,+ na ɔno ne me nkwagye.”+ Yohane 4:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Mosom nea munnim;+ yɛn de, yɛsom nea yenim, efisɛ nkwagye fi Yudafo mu.+
2 Hwɛ, Onyankopɔn ne me nkwagye.+ Mewɔ ahotoso na merensuro,+ efisɛ Yah Yehowa ne m’ahoɔden+ ne me tumi,+ na ɔno ne me nkwagye.”+