20 Na dɔ Yehowa wo Nyankopɔn+ na tie n’asɛm na fa wo ho fam ne ho,+ efisɛ ɔno na ɔma wo nkwa ne nna tenten.+ Woyɛ saa a, wobɛtena asase a Yehowa kaa w’agyanom Abraham, Isak, ne Yakob ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so.”+
14Eyi na Israelfo nyae sɛ wɔn agyapade wɔ Kanaan asase so.+ Asase yi na ɔsɔfo Eleasar ne Nun ba Yosua ne Israel agyanom mmusua mu atitiriw kyɛ maa wɔn.+