12 Na mede adanse krataa no maa Maseia ba Neria+ ba Baruk+ wɔ me papa nua ba Hanamel ne adansefo a wɔde wɔn nsa hyɛɛ adanse krataa+ no ase no nyinaa anim ne Yudafo a wɔwɔ Awɛmfo Aban+ mu hɔ no anim.
45Asɛm a odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ Neria ba Baruk+ bere a ɔkyerɛw nsɛm yi fii Yeremia anom+ hyɛɛ nhoma mu, Yuda hene Yehoiakim+ a ɔyɛ Yosia ba no afe a ɛto so anan mu no ni: