4 Ɛnna wotuu kurow no mu hyɛn mu,+ na mmarima a wɔkɔ ɔsa no nyinaa guan anadwo kɔfaa afasu abien a ɛwɔ ɔhene turo+ ho no ntam pon no mu kɔe; saa bere no, na Kaldeafo+ no atwa kurow no ho nyinaa ahyia. Ɔhene no nso de n’ani kyerɛɛ+ Araba.+
7 Ɛnna wotuu kurow no mu hyɛn mu,+ na mmarima a wɔkɔ ɔsa no nyinaa guan+ anadwo kɔfaa afasu abien a ɛwɔ ɔhene turo+ ho no ntam pon no mu kɔe; saa bere no, na Kaldeafo no atwa kurow no ho nyinaa ahyia. Wɔde wɔn ani kyerɛɛ Araba.+
21 Afei bere a wɔfaa yɛn nnommum no akyi afe a ɛto so dumien, ɔsram a ɛto so du no da a ɛto so anum no, obi guan fii Yerusalem baa me nkyɛn+ bɛka kyerɛɛ me sɛ: “Wɔabɔ kurow no!”+