13 Ɛnna mekae sɛ: “O Awurade Tumfoɔ Yehowa! Hwɛ, adiyifo no reka kyerɛ ɔman no sɛ, ‘Morenhu nkrante, na ɔkɔm renka mo; nokware asomdwoe na mede bɛma mo wɔ ha.’”+
17 Ka ara na wɔka kyerɛ wɔn a wommu me no sɛ, ‘Yehowa aka sɛ: “Asomdwoe na mubenya.”’+ Na obiara a odi n’atuatew koma akyi no nso,+ wɔka kyerɛ no sɛ, ‘Mmusu biara remma mo so.’+
3 Sɛ enya ba sɛ wɔreka+ sɛ: “Asomdwoe+ ne dwoodwoo!” a, mpofirim ara na ɔsɛe+ bɛba wɔn so sɛnea awoko yaw ba ɔbea a ɔyem so;+ na wɔrentumi nguan ɔkwan biara so.+