Yeremia 25:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Egypt hene Farao ne n’asomfo ne ne mpanyimfo ne ne manfo nyinaa;+ Yeremia 46:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Egypt+ de: Egypt hene Farao Neko+ asraafo a wɔwɔ asubɔnten Eufrate ho wɔ Karkemis+ a Babilon hene Nebukadresar dii wɔn so nkonim wɔ Yuda hene Yehoiakim,+ Yosia ba no afe a ɛto so anan mu no ho asɛm ni: Yeremia 46:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ odiyifo Yeremia wɔ Babilon hene Nebukadresar ho sɛ ɔbɛba abɛsɛe Egypt asase+ no ni: Hesekiel 29:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 “Enti nea Awurade Tumfoɔ Yehowa aka ni, ‘Mede Egypt asase bɛhyɛ Babilon hene Nebukadresar nsa,+ na ɔbɛfa n’ahode anya asade pii,+ na wafom emu nneɛma nyinaa; ɛno na ɛbɛyɛ n’asraafo no akatua.’ Hesekiel 30:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Nkrante bɛba Egypt so,+ na sɛ nnipa totɔ nkrante ano wɔ Egypt, na wɔfa n’ahode dwiriw ne fapem a,+ yawdi kɛse bɛba Etiopia. Hesekiel 30:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Sɛ miyi Egypt+ kɔndua fi hɔ a, esum beduru Tapanes.+ Na ne tumi mu ahantan to betwa.+ Omununkum bɛkata no so+ na ne ho nkurow akɔ nkoasom mu.+
2 Egypt+ de: Egypt hene Farao Neko+ asraafo a wɔwɔ asubɔnten Eufrate ho wɔ Karkemis+ a Babilon hene Nebukadresar dii wɔn so nkonim wɔ Yuda hene Yehoiakim,+ Yosia ba no afe a ɛto so anan mu no ho asɛm ni:
13 Asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ odiyifo Yeremia wɔ Babilon hene Nebukadresar ho sɛ ɔbɛba abɛsɛe Egypt asase+ no ni:
19 “Enti nea Awurade Tumfoɔ Yehowa aka ni, ‘Mede Egypt asase bɛhyɛ Babilon hene Nebukadresar nsa,+ na ɔbɛfa n’ahode anya asade pii,+ na wafom emu nneɛma nyinaa; ɛno na ɛbɛyɛ n’asraafo no akatua.’
4 Nkrante bɛba Egypt so,+ na sɛ nnipa totɔ nkrante ano wɔ Egypt, na wɔfa n’ahode dwiriw ne fapem a,+ yawdi kɛse bɛba Etiopia.
18 Sɛ miyi Egypt+ kɔndua fi hɔ a, esum beduru Tapanes.+ Na ne tumi mu ahantan to betwa.+ Omununkum bɛkata no so+ na ne ho nkurow akɔ nkoasom mu.+