14 Bere a Amasia kokunkum Edomfo wiei a ɔreba no, ɔfaa Seir mma anyame+ no bae, na ɔde besisii hɔ de yɛɛ n’anyame;+ wɔn na ɔkotow wɔn,+ na wɔn na ɔhyew afɔrebɔde maa wɔn.+
3 Sorɔnsorɔmmea+ a ne papa Hesekia bubui+ no, ɔsan sisii, na osisii afɔremuka+ maa Baal+ ahoni; osisii abosonnua,+ ɔkotow+ ɔsoro asafo+ nyinaa, na ɔsom wɔn.+
17 mmom asɛm a afi yɛn anom+ aba no ara na yɛbɛyɛ, na yɛbɛhyew afɔrebɔde ama ‘ɔsoro hemmaa’+ na yɛahwie afɔrebɔ nsã+ ama no sɛnea yɛn+ ne yɛn agyanom+ ne yɛn ahene+ ne yɛn mpanyimfo yɛe wɔ Yuda nkurow ne Yerusalem mmɔnten so bere a na yedidi mee na yɛn ho tɔ yɛn na yenhu mmusu biara no.+