8 “‘Enti afei montwɛn me,’+ Yehowa asɛm ni, ‘nkosi sɛ mɛsɔre aba asade no ho,+ efisɛ m’atemmusɛm ne sɛ mɛka aman nyinaa abom+ aboaboa ahenni nyinaa ano, na mehwie m’abufuw,+ m’abufuhyew nyinaa, agu wɔn so. Na m’anibere gya mu na asase no nyinaa bɛhyew.+