Yeremia 9:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Mɛma me nne so asũ na matwa adwo mmepɔw no ho,+ na mmoa adidibea a ɛbɛdan sare so nti, mɛto kwadwom, efisɛ wɔbɛhyew ne nyinaa,+ na onipa biara rentwam wɔ hɔ; wɔrente nyɛmmoa nne wɔ hɔ.+ Ewim nnomaa ne mmoa nyinaa beguan, wɔn nyinaa bɛkɔ.+ Hosea 4:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Enti asase no bedi awerɛhow,+ na ɛsotefo ne wuram mmoa ne wim nnomaa nyinaa bɛsɛe, na po mu mpataa nso bewuwu.+ Sefania 1:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 “Mɛsɛe onipa ne aboa.+ Mɛsɛe wim nnomaa ne po mu mpataa+ ne hintidua ne nnebɔneyɛfo+ nyinaa. Na metwa adesamma afi asase so,”+ Yehowa anom asɛm ni.
10 Mɛma me nne so asũ na matwa adwo mmepɔw no ho,+ na mmoa adidibea a ɛbɛdan sare so nti, mɛto kwadwom, efisɛ wɔbɛhyew ne nyinaa,+ na onipa biara rentwam wɔ hɔ; wɔrente nyɛmmoa nne wɔ hɔ.+ Ewim nnomaa ne mmoa nyinaa beguan, wɔn nyinaa bɛkɔ.+
3 Enti asase no bedi awerɛhow,+ na ɛsotefo ne wuram mmoa ne wim nnomaa nyinaa bɛsɛe, na po mu mpataa nso bewuwu.+
3 “Mɛsɛe onipa ne aboa.+ Mɛsɛe wim nnomaa ne po mu mpataa+ ne hintidua ne nnebɔneyɛfo+ nyinaa. Na metwa adesamma afi asase so,”+ Yehowa anom asɛm ni.