15 ‘Hwɛ merefrɛ atifi fam ahenni mu mmusua nyinaa,’ Yehowa asɛm ni,+ ‘na wɔbɛba na obiara de n’ahengua abesi Yerusalem kurow apon ano+ ne afasu a atwa ho ahyia no ho ne Yuda nkurow+ nyinaa mu.
“Hwɛ! Nsu fi atifi+ fam reba,+ na ayiri rebu fa so. Ebeyiri afa asase no ne nea ahyɛ no mã, kurow no ne wɔn a wɔtete mu nyinaa.+ Nnipa bɛteɛteɛm, na wɔn a wɔtete mu nyinaa betwa adwo.+