Yeremia 22:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 “Foro kɔ Lebanon+ kosu, na ma wo nne so wɔ Basan.+ Teɛm fi Abarim,+ efisɛ w’adɔfo nyinaa abubu.+ Kwadwom 1:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Osũ ara na osũ anadwo,+ na ne nusu nenam n’afono ho.+Onni ɔwerɛkyekyefo bi, n’adɔfo nyinaa mu.+Ne mfɛfo nyinaa atwa no nkontompo.+ Wɔadan n’atamfo.+ Adiyisɛm 17:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Na mmɛn du+ a wuhui no, ne afei aboa+ no, eyinom bɛtan aguaman+ no na wɔayɛ no pasaa na wɔama wada adagyaw, na wobedi ne nam na wɔde ogya ahyew no pasaa.+
2 Osũ ara na osũ anadwo,+ na ne nusu nenam n’afono ho.+Onni ɔwerɛkyekyefo bi, n’adɔfo nyinaa mu.+Ne mfɛfo nyinaa atwa no nkontompo.+ Wɔadan n’atamfo.+
16 Na mmɛn du+ a wuhui no, ne afei aboa+ no, eyinom bɛtan aguaman+ no na wɔayɛ no pasaa na wɔama wada adagyaw, na wobedi ne nam na wɔde ogya ahyew no pasaa.+