14 “Monhyehyɛ mo ho nkɔ Babilon so wɔ afã nyinaa,+ mo a mukuntun agyan mu nyinaa.+ Montow agyan nkɔ no so.+ Munnnyaw agyan no bi efisɛ wɔayɛ Yehowa bɔne.+
27 “Momma ahyɛnsode so wɔ asase no so.+ Monhyɛn abɛn amanaman mu. Munhyira amanaman so ntia no.+ Momfrɛfrɛ Ararat+ ne Mini ne Askenas+ ahenni nkɔ no so. Momma dɔm anoboaboafo so ntia no. Momma apɔnkɔ+ mmra sɛ mmoadabi manyamanya a wɔrefuw ntaban.