44 Nanso bere a wɔwɔ wɔn atamfo asase so mpo no, merempo wɔn+ koraa na meremmu wɔn sɛ abofonode+ a enti mɛtɔre wɔn ase. Merenyɛ saa na mammu apam a me ne wɔn ayɛ no so,+ efisɛ mene Yehowa wɔn Nyankopɔn.
28 Na wo, m’akoa Yakob, nsuro,’ Yehowa asɛm ni, ‘efisɛ meka wo ho.+ Mɛhyew aman a mabɔ mo ahwete so no nyinaa ase,+ na wo de, merenhyew w’ase.+ Nanso mɛteɛ wo so sɛnea ɛfata,+ na meremma womfa wo ho nni.’”+