8 “‘Sɛnea borɔdɔma a oye a enye nti wontumi nni no te no,+ Yehowa aka sɛ: “Saa na meyi Yuda hene Sedekia+ ne ne mpanyimfo ne Yerusalem nkae a wɔaka asase yi so+ ne wɔn a wɔtete Egypt+ asase so no ama—
21 Na mede Yuda hene Sedekia+ ne ne mpanyimfo bɛhyɛ wɔn atamfo nsa ne wɔn a wɔrehwehwɛ wɔn kra no nsa ne Babilon hene+ asraafodɔm a wɔrefi mo ho akɔ+ no nsa.’
17 Na Ɔhene Sedekia soma kɔfaa no bae, na ɔhene bisabisaa no nsɛm wɔ ɔhene fie ahintawee mu.+ Na obisaa no sɛ: “Asɛm bi a efi Yehowa nkyɛn wɔ hɔ anaa?” Ɛnna Yeremia kae sɛ: “Yiw, asɛm wɔ hɔ!” Na ɔtoaa so sɛ: “Wɔde wo bɛhyɛ Babilon hene nsa!”+
18 Na sɛ woamfi adi ankɔ Babilon hene mpanyimfo no nkyɛn a, ɛnde wɔde kurow yi bɛhyɛ Kaldeafo nsa, na wɔde ogya bɛhyew,+ na wo nso worentumi nguan mfi wɔn nsam.’”+
5 Ɛnna Kaldeafo asraafodɔm no tiw wɔn+ na wɔkɔkyeree Sedekia wɔ Yeriko+ tataw no so. Na wɔfaa no de no kɔmaa Babilon hene Nebukadresar wɔ Ribla,+ Hamat+ asase so sɛ ommu no atɛn.+