2 Enti Yoab soma kɔɔ Tekoa+ kɔfaa ɔbea nyansafo+ bi fi hɔ bae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, kofura awerɛhow ntama na yɛ wo ho sɛ obi a ɔredi awerɛhow; mfa ngo nsra,+ na yɛ sɛ ɔbea a ɔde nna pii adi obi a wawu ho awerɛhow.+
1Anisoade a Amos a ɔka Tekoa+ nguanhwɛfo ho no hui wɔ Israel+ ho ni. Eyi sii wɔ Yuda hene Usia+ ne Israel hene Yeroboam+ a ɔyɛ Yoas+ ba no bere so, mfe abien ansa na asasewosow+ no reba.