Yeremia 14:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Enti woapo Yuda koraa?+ Anaa wo kra kyi Sion?+ Dɛn nti na woabɔ yɛn na yennya ayaresa yi?+ Yɛhwɛɛ asomdwoe kwan, nanso adepa bi amma; yɛhwɛɛ ayaresa kwan, nanso hwɛ! ahude na ɛbae!+ Kwadwom 5:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Nanso woapo yɛn koraa.+ Wo bo afuw yɛn aboro so.+ Hosea 9:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Me Nyankopɔn+ bɛpo wɔn, efisɛ wɔantie no,+ na wɔbɛbɔ asesa wɔ amanaman no mu.+
19 Enti woapo Yuda koraa?+ Anaa wo kra kyi Sion?+ Dɛn nti na woabɔ yɛn na yennya ayaresa yi?+ Yɛhwɛɛ asomdwoe kwan, nanso adepa bi amma; yɛhwɛɛ ayaresa kwan, nanso hwɛ! ahude na ɛbae!+