Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Deuteronomium 12:31
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 31 Nyɛ biribi a ɛte saa wɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim,+ efisɛ nea Yehowa wo Nyankopɔn kyi na ɛyɛ no tan nyinaa na wɔyɛ ma wɔn anyame. Wɔde wɔn mmabarima ne wɔn mmabea mpo bɔ afɔre wɔ ogya mu daa ma wɔn anyame.+

  • 2 Ahene 17:17
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 17 wɔmaa wɔn mmabarima ne wɔn mmabea faa ogya mu+ na wɔhyehyɛɛ abosonkɔm+ kɔɔ abisa,+ na wɔtɔn+ wɔn ho yɛɛ Yehowa ani so bɔne de hyɛɛ no abufuw.+

  • Dwom 106:37
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 37 Wɔde wɔn mmabarima ne wɔn mmabea+

      Bobɔɔ afɔre maa adaemone.+

  • Dwom 106:38
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 38 Enti wohwiee mogya a edi bem gui;+

      Wɔde wɔn mmabarima ne wɔn mmabea mogya

      Bɔɔ afɔre maa Kanaanfo ahoni,+

      Na mogyahwiegu maa asase no ho guu fĩ.+

  • Yesaia 57:5
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 5 wɔn a wɔkanyan akɔnnɔ wɔ nnua akɛse ntam,+ nnua kusuu ase;+ wɔn a wokum mmofra wɔ abon mu, abotan mu ntokuru mu?+

  • Hesekiel 16:20
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 20 “‘Wofaa wo mmabarima ne wo mmabea a wowoo wɔn maa me+ no de wɔn bɔɔ afɔre maa wɔn sɛ wonni.+ Adɛn, w’aguamammɔ yi nnɔɔso?

  • Hesekiel 20:31
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 31 Na bere a mode mo ayɛyɛde ba na moma mo mma fa ogya mu+ no, ɛnyɛ mo abosom fĩ yi nyinaa na mode agu mo ho fĩ besi nnɛ yi?+ Bere koro no ara mopɛ sɛ mema mubisa m’ase, Israel fie?”’+

      “‘Sɛ mete ase yi, meremma mummisa m’ase,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm ni.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena