16 Na nea ɔpɛ nhyira wɔ asase so no de nokware Nyankopɔn+ behyira ne ho, na nea ɔka ntam wɔ asase so no de nokware Nyankopɔn bɛka ntam,+ efisɛ wɔrenkae kan amanehunu no na m’ani renhu bio.+
2 Sɛ woka ntam sɛ,+ ‘Sɛ́ Yehowa te ase+ wɔ nokware ne atemmu ne trenee+ mu yi’ a, ɛnde ne mu na amanaman behyira wɔn ho na ne mu na wɔbɛhoahoa wɔn ho.”+