Yeremia 22:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 “‘Na sɛ moantie nsɛm yi a,’ Yehowa asɛm ni, ‘meka me ho ntam+ sɛ ofie yi bɛsɛe pasaa.’+ Malaki 2:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Sɛ moantie+ na moamma anna mo koma+ so sɛ mobɛhyɛ me din anuonyam a,+ mɛma nnome aba mo so,+ na mo nhyira bɛdan nnome.+ Mama mo nhyira adan nnome mpo dedaw, efisɛ moamma anna mo koma so,” asafo Yehowa na waka.
2 Sɛ moantie+ na moamma anna mo koma+ so sɛ mobɛhyɛ me din anuonyam a,+ mɛma nnome aba mo so,+ na mo nhyira bɛdan nnome.+ Mama mo nhyira adan nnome mpo dedaw, efisɛ moamma anna mo koma so,” asafo Yehowa na waka.