Leviticus 26:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Mene Yehowa mo Nyankopɔn a oyii mo fii Egypt nkoasom mu+ no. Me na mibubuu mo kɔndua mu ma mutumi maa mo ti so nantewee.+ Deuteronomium 4:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Nanso mo de, Yehowa ayi mo afi Egypt dade fononoo+ mu de mo abɛyɛ n’ankasa agyapade+ sɛnea ɛte nnɛ yi. Yesaia 9:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Wɔn kɔndua+ ne wɔn akyi abaa, poma a wɔde ka wɔn kɔ adwuma+ no, woabubu mu te sɛ Midian da no.+ Nahum 1:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Ne kɔndua a ɛda wo so no,+ mebu mu, na matew ahama a ɛkyekyere wo no mu abien.+
13 Mene Yehowa mo Nyankopɔn a oyii mo fii Egypt nkoasom mu+ no. Me na mibubuu mo kɔndua mu ma mutumi maa mo ti so nantewee.+
20 Nanso mo de, Yehowa ayi mo afi Egypt dade fononoo+ mu de mo abɛyɛ n’ankasa agyapade+ sɛnea ɛte nnɛ yi.