Mmebusɛm 28:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Onipa nokwafo benya nhyira pii,+ na nea ɔpɛ ntɛm anya ne ho no remfa ne ho nni.+ Yesaia 1:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 W’atumfoɔ asen wɔn kɔn na wɔne akorɔmfo na ɛbɔ.+ Wɔn mu biara dɔ adanmude,+ na wotiw akyɛde.+ Wonni agyanka asɛm mma no, na akunafo asɛm nnu wɔn anim.+ Yeremia 5:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Sɛnea nnomaa dɔɔso wɔ buw mu no, saa na nnaadaa ayeyɛ wɔn afie amaama.+ Ɛno nti na wɔayeyɛ akɛse na wɔanya wɔn ho no.+ Yakobo 5:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Hwɛ! Akatua a ɛsɛ sɛ mode ma adwumayɛfo a wotwaa mo afuw mu nnɔbae a mode akame wɔn+ no reteɛm,+ na atwafo no sufrɛ+ adu asafo Yehowa asom.+
23 W’atumfoɔ asen wɔn kɔn na wɔne akorɔmfo na ɛbɔ.+ Wɔn mu biara dɔ adanmude,+ na wotiw akyɛde.+ Wonni agyanka asɛm mma no, na akunafo asɛm nnu wɔn anim.+
27 Sɛnea nnomaa dɔɔso wɔ buw mu no, saa na nnaadaa ayeyɛ wɔn afie amaama.+ Ɛno nti na wɔayeyɛ akɛse na wɔanya wɔn ho no.+
4 Hwɛ! Akatua a ɛsɛ sɛ mode ma adwumayɛfo a wotwaa mo afuw mu nnɔbae a mode akame wɔn+ no reteɛm,+ na atwafo no sufrɛ+ adu asafo Yehowa asom.+