5 “‘Dɛn nti na mihu wɔn sɛ wɔabɔ hu yi? Wɔasan wɔn akyi, na wɔabobɔ wɔn nnɔmmarima pasaa; wɔaguan a wɔantwa wɔn ani.+ Ehu nko ara na atwa wɔn ho ahyia,’+ Yehowa asɛm ni.
9Mihui sɛ Yehowa gyina afɔremuka no atifi,+ na ɔkae sɛ: “Bɔ adum no atifi ma apon no ase nwosow, na bubu ne nyinaa ti.+ Na mede nkrante bekum wɔn a wɔbɛka no. Nea ɔreguan no rennya aguanye, na nea ɔrebɔ ne ho aguaa no rennya ne ho ntetew.+