Dwom 33:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Ɔno na ɔkae, na ɛbaa mu;+Ɔno na ɔhyɛe, na ɛyɛɛ hɔ.+ Mmebusɛm 16:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Ɔdesani koma hyehyɛ ne kwan,+ na Yehowa na ɔkyerɛ n’anammɔn kwan.+ Mmebusɛm 19:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Onipa komam nsusuwii dɔɔso,+ na Yehowa agyina na ebetim.+ Yesaia 46:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Me na mifi mfiase ka awiei asɛm,+ na mifi tete ka nea ensii;+ me na meka sɛ, ‘Me tirimbɔ begyina,+ na nea ɛsɔ m’ani biara mɛyɛ.’+
10 Me na mifi mfiase ka awiei asɛm,+ na mifi tete ka nea ensii;+ me na meka sɛ, ‘Me tirimbɔ begyina,+ na nea ɛsɔ m’ani biara mɛyɛ.’+