14 Na wobebubu no te sɛ ɔnwemfo ahina+ a wɔabɔ no dwerɛbee a ebi nka, na wɔrennya nea abubu no mu sin bi mpo a wɔde beyi ogya afi muka mu anaa wɔde bɛsaw nsu wɔ fam.”+
11 Na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nea asafo Yehowa aka ni: “Sɛnea wɔbɔ ɔnwemfo anwenne a wontumi nyɛ no yiye bio no,+ saa ara na mɛbɔ ɔman yi ne kurow yi, na wobesie wɔn Tofet+ kosi sɛ wɔrennya baabi nsie wɔn bio.”’+
28 Ɔbarima Konia+ yi te sɛ anwenne a wommu a abubu pasaa+ anaa kuku a obiara ani nnye ho anaa?+ Dɛn nti na wɔretu ɔne n’asefo agu, na wɔde wɔn akogu asase a wonnim so so?’+